Ɔkɔmhyɛni nsɛm (Hadis) afa

Ɛfiri Agyidifoɔ hene nkyɛn ɛyɛ Hafs papa a Ɔno ne Umar khataab ba Onyame kokroko ngye no ntum Ɔkaa sɛ : M'ate sɛ Onyame somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no Ɔne ne fiefoɔ ɔreka sɛ : (Nokware dwumadie nyina ara akatua gyina nkankyeɛ so, na Onipa biara wɔ ne nkankyeɛ ho akatua, na Obi a ne batatuo (akwantuo) ɛrekɔ Onyame ne ne Kɔmhyɛni nkyɛn no, ne batatuo no Onyame ne ne Kɔmhyɛni nti, Na Obi nso a ne batatuo yɛ wiase apɛdeɛ nti anaa ɔbaa bi awareɛ nti no, ne batatuo no gyina ne botaɛ so). ɛfiri Buhaari ɛne Muslim mo.
Mfasode firi Hadis yi mu:

Dwumadie biara ɛsɛ sɛ nkankyeɛ bata ho, ɛfiri asɔre (Salla), ɛne Akɔmkyene, ɛne Hagyi ɛne dwumadipa a aka.
Nkankyeɛ biara nso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Onyame kokroko nko nti.
Hadis 2

Yɛ nyaa saa nsɛm yi firi Agyidifoɔ maame Abdullah maame Aishata Onyame ngye no ntum Ɔkaa sɛ: Onyame Somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: (Neɛ ɔbɛyɛ biribi wɔ yɛn dwumadie yi mu (Islam som) aberɛ a ɛnka ho no, yɛbɛpo saa adeɛ no. ɛfiri Buhaari ɛne Muslim mo.
Mfasode firi Hadis yi mu:

- Bra a yabra sɛ wode biribi foforɔ bɛba som no mu.
2. Ɛna yɛpo nsakratomu nnwumadie na yɛnnye nto mu.
* Ɔkomhyɛni ano asɛm ɛtɔ so mmiɛnsa:

Yɛ nyaa saa nsɛm yi firi Umar a ɔyɛ Khataab ba nkyɛn Onyame ngye no ntum Ɔkaa sɛ: berɛ a yɛ te Onyame Somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no ɛda bi, prɛko pɛ Ɔbarima bi pue yɛn so a, N'ataade yɛ fitafita, Ne tirinwii yɛ tuum, Na yɛ nhu akwantuo ahyɛnsodeɛ biara wɔ ne ho, Saa ara nso na yɛ mu biara nnim no, Kɔpim sɛ Ɔtenaa Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no nkyɛn, Na Ɔde ne kotodwe mienu tweree Ɔkɔmhyɛni kotodwe mienu, Na Ɔde ne nsa mienu too ne serɛ so, Na Ɔkaa sɛ: «Oh Mohammed bɔ me amaneɛ fa Nkramosom ho », Na Ɔkɔmhyɛni ka kyerɛ no sɛ: «Nkramosom ne sɛ wo bɛ di adanseɛ sɛ Onyame biara nni hɔ a ɔfata ɛsom wɔ nokware mu gye Allah nko, na Mohammed yɛ Nyame Somanii, Na w'ayɛ asɔre (Salla) wɔ ne berɛ mu, Na w'ayi Zaka, Na w'akyere Ramadan akɔmkyene, Na w'ayɛ Haj dwumadie (Onyame fie nserahwɛ) sɛ wo nya so tumi a », Ɔkaa sɛ «w`aka nokware », Na ɛyɛɛ yɛ nwanwa yie Ɔbusa no, na ɔsan si ne nsɛm so dua, Ɔkaa sɛ : Bɔ me amaneɛ ɛfa gyidie ho » Ɔkaa sɛ «Gyidie yɛ sɛ wo bɛ gye Nyankopɔn adi, ɛne N'abɔfoɔ, ɛna Ne nwoma ahoroɔ, ɛna N'aKɔmhyɛfoɔ, ɛna Atɛmmuada, Na afae gye hyɛberɛ mu papa ne bɔne di » Ɔkaa sɛ: «wa ka nokware » Ɔkaa sɛ : «Bɔ me amaneɛ ɛfa papayɛ ho » Ɔkaa sɛ: «ɛne sɛ wo bɛ som Nyame te sɛ wo hunu No, na sɛ wo nhunu No a ɛsipi sɛ Ɔhu wo » Ɔkaa sɛ: «Bɔ me amaneɛ ɛfa Ɛmmerɛ no ho » Ɔkaa sɛ: «Nea yɛ busa no, no nni ho nimdie nsene Ɔbusafoɔ no» Ɔkaa sɛ: «Bɔ me amaneɛ fa ɛho ahyɛnsodeɛ ho »Ɔkaa sɛ: «Sɛ afinaa bɛ wo ne wura, na wo bɛ hunu wɔn a ɛnni mpaboa hyɛ, wɔn nni ntaare, wɔn nni deɛ ɔbɛdie, sɛ wɔn ayɛ asikafo ɛsisi fie akɛseɛ fɛfɛɛfɛ na wɔn redi akansie wɔ ho» Ɔkaa sɛ: Afae Ɔkɔɔyɛ na me twen nna kakra bi, Afae Ɔkɔmhyɛni kaa sɛ: «Oh Umar Ɛnti wo nim asɛmbusafoɔ no? » Me kaa sɛ : "Onyame ɛne ne Somanii na Ɛnim", Ɔkaa sɛ: «Na ɛsipi sɛ Ɔyɛ Ɔbɔfoɔ gyebra, Ɔbaa mo hɔ bɛ kyerɛ mo mosom». Ɛfiri Muslim Nhoma mu.
Mfasode bi firi Hadis yi mu:

Ɔbobɔɔ Nkramosom fapem nnum no ;na ɛyɛ:
Adansedie sɛ nokware Nyame biara nni hɔ a ɔfata ɛsom gye Allah Onyame kro pɛ, ɛna nokware Mohammed ɛyɛ Onyame Somafoɔ.
Ɛna salla (asɔre) ngyinaɛ wɔ ne mmerɛ mu
Ɛna Zakayie (Ɛntotosoɔ dudu).
Ɛna Ramadan akɔmkyene
Ɛna Haji dwumadie (Onyame fie a bone yɛ akyiwade wɔmu).
Wabubɔ gyidie fapim, na ɛyɛ nsia:
Gyedie fa Onyankopɔn ho.
Ɛne Ne Abɔfoɔ.
Ɛne Ne Nhoma
Ɛne Ne Akɔmhyɛfoɔ
Ɛne Awieɛda (Atɛmmuada)
Ɛne hyɛberɛ ɛmu papa ne bɔne.
Waka papa fapim nso, na ɛyɛ fapim kro pɛ, na ɛno ne sɛ wo bɛ som Nyame (Allah) tesɛ deɛ wo hunu No, na sɛ nokware wo nhunu No a ɛsipi sɛ Ɔhu wo.
Ɛmmere sɔreɛ bere no (Atɛmmuada) Obibiara nnim gye Allah kokroko.
Hadis a ɛtɔso ɛnan:

Ɛfiri Abii Saeed papa nkyɛn Nyame ngye no ntum, Onyame Somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: Anoyie: «Agyidifoɔ mu neɛ ne gyidie ahyɛma yɛ wɔn mu neɛ suban pa nii » Ɛwɔ Tirmizi Nhoma mu na Ɔkaa sɛ : Hadis yi yɛ papa ne nokware.
Mfasode firi Hadis yi mu:

Nkramosom rehyɛ Nipa Suban pa.
Na nokware abɔdeɛ hyɛma ɛfiri gyedie hyɛma mu.
Na nokware gyedie tumi dɔɔso na ɛsote nso.
Hadis a ɛtɔso nnum

Ɛfiri Umar ba nkyɛn Onyame ngye wɔn tum, sɛ Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: «Obibiara a Ɔde biribi adi nsedie a ɛnyɛ Onyame (Allah), Nokware wayɛ Nyame bɔniayɛ anaa sɛ mmataho (hyirk)» Tirmizee na de bae
Mfasode firi Hadis yi mu:
Ɛnfata na ɛnni sɛ yɛde biribiara di nsidie gye Onyankopɔn kokroko no nko.
Nsidie a ɛnyɛ Nyame din nnim na ɛyɛ biribi din no, ɛka mmataho ketewa ho (Abosomsɛm kuma).
Hadis a ɛtɔso ɛnsia :

Ɛfiri Anas nkyɛn Onyame ngye no ntum, Onyame Somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ : «Mo mu baako biara nni hɔ a ne gyidie ɛbɛhyɛma kɔpim sɛ mɛyɛ ɔdɔfo wɔ ne nkyɛn sene n'awofo ne nemma ne adasamma nyina ara» ɛfiri Buhaari ɛne Muslim mo.
Nfasode firi Hadis yi mu:

Onyame Kɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no ho dɔ yɛ nhyɛ ɛsene Nipa nyina ara ho dɔ.
Na saa eyi ɛka neɛ hyɛ gyedie ma ho.
Hadis a ɛtɔso nson :

Ɛfiri Anas nkyɛn Onyame ngye no ntum, Onyame Somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ : «Mo mu baako biara nni hɔ a ne gyidie ɛbɛ hyɛma kɔpim sɛ Ɔbɛ pɛ ama ne nua ade a Ɔpɛ ma neho (ne kra) ɛfiri Buhaari ɛne Muslim mo.
Nfasode firi Hadis yi mu:

Ɛye nhyɛ ma Ɔgyedinii sɛ Ɔpɛ adepa bi ma Agyidifoɔ te sɛ sɛdeɛ ɔpɛ adepa ma nekra.
Na ɛno ka neɛ hyɛ gyedie ma ho.
Hadis a ɛtɔso nwɔtwe:

Amuaye;Ɛfiri Saeed papa nkyɛn Nyame ngye no ntum, Sɛ Onyame Somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: «Na me de Neɛ me kra hyɛ Ne nsa dinsi! sɛ ɛsipi sɛ Suura yi ne Kuran nkyekyɛmu miɛnsa yɛ pɛ » ɛfiri Bukhaari ho
Mfasode bi firi Hadis yi mu:
Suura Al-Ikhilas gyinabea
Nokware ɛne Koran Nhoma no nkyekyɛmu miɛnsa yɛ pɛ.
Hadis a ɛtɔso nkron:

Amuaye;Ɛfiri Musa papa nkyɛn Nyame ngye no ntum, Onyame Somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: Tumi ne ahoɔden biara nni hɔ agye Allah nkyɛn yɛ akorade a ɛka ɔsoro aheman mu nkorade no ho. ɛfiri Buhaari ɛne Muslim mo.
Nfasode firi Hadis yi mu:

Saa asɛmfua yi so mfasoɔ ne sɛ; ɛyɛ akorade a ɛka ɔsoro aheman mu nkorade no ho.
Akoa twe ne ho firi ɔno ankasa tumi ne n'ahoɔden ho, na ɔde atwene Allah okokuroko no nko ara.
*Ɔkomhyɛni ano asɛm a ɛtɔ so du:

Yɛnyaa saa asɛm yi firii Anu'man a ɔpapa ne Bashir ( Allah nye wɔn tom) ɔkaa sɛɛ: metee sɛ Allah somani no reka sɛ: "Ɛsipi sɛ namkum bi wɔ nipadua no mu a sɛ ɛyɛ yie a nipadua no nyinaa ayɛ yie, na sɛ ɛsɛe a nipadua no nyinaa asɛe, na ɛno ne akoma no". ɛfiri Buhaari ɛne Muslim mo.
Mfasode bi firi Hadis yi mu:

1. Akoma siesie mu siesie su a apue ne neɛ asuma.
2. Ahwɛyie ɛfa akoma siesie ho, ɛfiri sɛ ɛno na siesie nnipa.
Ɔkomhyɛni ano asɛm a ɛtɔ so du baako.Hadis a ɛtɔso du miɛnsa

Yɛnyaa saa asɛm yi firii Mu'az a ɔpapa yɛ Jabal (Allah nye no ntum) ɔkaa sɛ: Allah somani no kaa sɛ: "obi a ne kasa a ɛtwa toɔ bɛyɛ Onyame biara nni hɔ agye Allah no bɛwura ɔsoro aheman mu". Abu Dawuda Nhoma mu,
Mfasode bi firi Hadis yi mu:

Asɛm yi gyinabea (Onyame biara nni hɔ a ɔfata ɛsom wɔ nokware mu gye Allah nko), Na nokware Akoa de asɛm yi rewura Ɔturo no mu (Ɔsoro ahenman).
Ɛna gyenabea a ɛwɔ Obibiara a N'asɛm a ɛwitoɔ wɔ wiase yi mu yɛ (Onyame biara nni hɔ a ɔfata ɛsom wɔ nokware mu gye Allah).
Hadis a ɛtɔso du mienu.

Yɛnyaa saa asɛm yi firii Abdullah ɔpapa ne Mas'ud (Allah nye no ntom) ɔkaa sɛ: Allah somani no ( Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) kaa sɛ: " ogyidini nka afoforɔ anim, na ɔmmɔ dua, na ɔnyɛ amumueɛsɛm na ɔnfa n'ano nka ahuhusɛm". Tirmizee na de bae
Nfasode firi Hadis yi mu:

1. Bra a ɛrebra kasa bɔne ne yera kasa tantan biara.
- Ɛrekyerɛ sɛ ogyidini nsohyɛ wɔ ne tɛkrɛma so.
Hadis a ɛtɔso du miɛnsa

Amuaye;Ɛfiri Abi Haraira nkyɛn Onyame ngye no ntum Ɔkaa sɛ: Onyame somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ : «Ɛka Onipa Kramosom yiedie ho sɛ Ɔgyae ade a ɛnfa ne ho » Yɛnyaayɛ ɛfiri Tirimizii ho ne afoforɔ.
Nfasode firi Hadis yi mu:

Sɛ onipa bɛgyae adeɛ a ɛnfa ne ho, ɛfa ɛsom a ɛnyɛ ne som anaa ne wiase dwumadie bi ho.
Sɛ onipa bɛgyae adeɛ a ɛnhyɛ ne som no ma.
* Ɔkomhyɛni asɛm a ɛtɔ so du nan.

Yɛnyaa saa asɛm yi firii Abdullah a ɔpapa ne Mas'ud: sɛ ɔkomhyɛni Muhammad ( Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) kaa sɛ: " obi a ɔbɛka atwerɛba afiri Allah nwoma no mu no wɔ ɛho nhyira, na ɛho nhyira yɛ saa du, menka sɛ: alif laam meem yɛ atwerɛba, na mmom alif yɛ atwerɛba, na laam nso yɛ atwerɛba na meem nso yɛ atwerɛba". Tirmizee na de bae
Mfasode bi firi Hadis yi mu:

1-Quran akenkan gyinabea
2- ɛna nokware aba biara a, wo bɛ kenkan no wo wɔ nhyira akatua wɔ ho.