Ɛfa a ɛfa Suban ho

Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: «Agyidifoɔ mu neɛ wahyɛma wɔ gyedie ne Suban». Yɛyaayɛ ɛfiri Tirimizii ho (625).

1- Ɛnam sɛ ɛyɛ ngyinasoɔ a ɛma Onyame kokroko dɔ yɛn.
2- Ɛna ngyinasoɔ ma Onyame dɔ Abɔdeɛ nyina ara.
3- Ɛyɛ ade a ɛmu yɛ duro wɔ ɛnsɛneɛ mu.
4- Suban pa ɛma dwumadie akatua yɛ mmɔho mmɔho.
5- Ɛna ɛyɛ ahyɛnsodeɛ ɛrekyerɛ gyidie ahyɛma.

Yɛfa firi Qur'an mu, Onyame kokroko aka sɛ: {Ɛsipi sɛ saa Kuran (Qur'an) yi retene kɔ deɛ ɛyɛ kwan tenenee so}. [ Suuratul Israa'a: ٩]. Ɛna Ɔkɔmhyɛni Sunnah mu nso: berɛ a Onyame Somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: (Ɛsipi sɛ yɛ somaa me sɛ me nhyɛ subanpa ma pɛpɛ) Ɛfiri Ahmed Nhoma mu.

Anuyie. Papayɛ : ɛyɛ wo bɛ hwɛ Onyame dwumadie mu ɛberɛ biara, Ɛna dwumadi pa die ɛna papayɛ ma Onyame Abɔdeɛ.
Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ «Ɛsipi sɛ Onyankopɔn Allah atwerɛ papa abata biribiara ho » Ɛfiri Muslim Nhoma mu.
Papayɛ nnidisoɔ bi be ne sɛ:

Papayɛ wɔ Onyame kokroko ɛsom mu ɛno ne kroyɔ wɔ Ne som mu.
Papayɛ ma Awofoɔ yɛ kasa pa ɛna dwuma pa ma wɔn.
Papayɛ ma Abusua a ɛbɛn ne akyirikyiria abusua.
Papayɛ ma tebɛn nii
Papayɛ ma Ngyanka ɛne Ahiafo.
Papayɛ ma Nea w'ayɛ bɔne atia no
Papayɛ wɔ Kasa mu.
Papayɛ wɔ akyenyedie mu.
Papayɛ ma Mmoa

Papayɛ adaneɛ yɛ mumuyɔ.
Na mu bi ne sɛ:
wobɛgyae gyidie a ɛwɔ Allah okokuroko no som mu.
* Ne asoɔden a yɛyɛ tia awofo.
* Ne woretete abusua ntam.
* Ne ofipamfoɔ bɔne.
* Ne wobɛgyae sɛ woreyɛ onnibie ne ahiafoɔ papa ne deɛ ekeka ho ɛyɛ nsɛm ne nnwuma bɔne ho.

Anuye-
1. Ahwɛsodeɛ ɛwɔ sɛ worehwɛ Allah okokuroko no kyɛfa so yie.
Ne nkyikyɛ :
ahwɛsodeɛ a ɛwɔ nyamesom nneyɛɛ mu; firi asɔre yɔ mu, ntosoɔ du yie mu, akɔmkyene mu, ne nsrahwɛ de kɔ Allah fie no mu, ne neɛ ekeka ho wɔ nneɛma a Allah ahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ho.
2. Ahwɛsodeɛ a ɛwɔ sɛ worehwɛ abɔdeɛ kyɛfa so yie.
. Ɛfiri worehwɛ Nipa animonyam so yie.
. Ne wɔn agyapadeɛ so.
. Ne wɔn mogya so.
. Ne wɔn sumasɛm, ne adeɛ biara Nnipa de ama wo sɛ hwɛso ma noɔ.
Okokuroko no kaa sɛ; mmerɛ a ɔrebobɔ nkunimdifoɔ su no:
( Ne wɔn a wɔhwɛ ahwɛsodeɛ ne wɔn bɔhyɛ so yie ). Suratul Muminuun :8

Anoyie: Hwammɔ die, ɛno ne sɛ woresɛe Allah kokuroko ne nnipa kyɛfa.
Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ:
(Nyaatwomni ahyɛnsode yɛ mmiɛnsa) -na ɔkaa no wɔ mu sɛ- (sɛ woma no ahwɛsodeɛ a na wadi wo hwammɔ). Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.

Ɛno ne sɛ woreka biribi pɛpɛɛpɛ sɛ neɛ ɛsiiɛ anaa sɛ neɛ ɛteɛ pɛpɛɛpɛ.
Ne nkrabata:

Wobɛka nokware wɔ wo ne nnipa nkɔmɔ mu.
Wobɛdi nokware wɔ wo bɔhyɛ mu.
Wobɛdi nokware wɔ wo kasayɛ ne wo nnwumadie nyinaa mu.
Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ:
( Esipi sɛ; nokware ka tene onipa kɔ kwan pa so, na kwan pa nso tene onipa kɔ suro aheman mu, na esipi sɛ; onipa bi bɛka nokware saa kɔpem sɛ ɔbɛba abɛdane nokwarekani). Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.

Nkontompo, na ɛno ne sɛ wodane nokware, ɛmu bi ne; woretwa kontompo ato nnipa so, na woredane abɔhyɛ ne woredi adanse kurumuu.
Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ (Na esipi sɛ nkontompo tene onipa kɔ bɔne mu, na bɔne nso de onipa kɔ ogya mu, na esipi sɛ ɔdasani bi bɛtwa kontompo saa kɔpem sɛ yɛbɛtwerɛ no wɔ Allah nkyɛn sɛ ɔyɛ kontomponi). Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim. Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: (Nyaatwomni nsohyɛ yɛ mmiɛnsa)- na ɔkaa no wɔ mu sɛɛ- (sɛ ɔkasa a ɔtwa kontompo, na ɔhyɛ bɔ a na wadane no). Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.

-Wobɛsi abotare ayɛ sotie ama Allah okokuroko no.
- Wobɛsi abotare wɔ asoɔden ho.
- Wobɛsi abotare wɔ hyɛberɛ a ɛyɛ ya ho, na wada Allah ase wɔ tebea biara mu.
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
( Na Allah pɛ abotaresiefoɔ asɛm). [Suuratul Aali Imraan ١٤٦]. Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: Ogyidini asɛm ɛyɛ nwanwa, ɛfiri sɛ n'asɛm nyinaa yɛ papa, na woi nni hɔ ma obiara agye ogyidini, sɛ ɔnya adepa bi a ɔda Allah ase, na ayɛ papa ama no, na sɛ amaneɛ bi to no a ɔsi abotare na ɛno nso ayɛ papa ama no. Ɛfiri Muslim Nhoma mu.

Ɛno ne sɛ wo nsi abotare wɔ sotie dwumadie mu, ɛna wo nsi abotare nfiri Asoɔdene dwumadie ho yɛ mpepere ho, ɛne abufuo wɔ hyɛberɛ ho ɛwɔ kasaa anaa sɛ nniyɛ mu.
Ne nkyekyɛmu bi ne:

Wo bɛ pɛ Owuo.
Afono mu bobɔ.
Ataade teteɛ
Wo keka wo yaw ne w'atenka.
Wo bɔ ɔsaeɛ mpae atia wo kra
Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ:
"Akatua bata nsɔhwɛ akɛseɛ ho, na esipi sɛ; sɛ Allah dɔ dɔmkuo bi a, ɔsɔ wɔhwɛ, na sɛ obi a ɔbɛgye atom no, Allah bɛgye no ato mu, na obi a ne bo bɛfu no, Allah bo bɛfu no". ɛfiri Tirmiz ɛne Ibn Hibbaan.

Ɛno ne sɛ woreboa nnipa wɔ adeɛ a wɔwɔ mu wɔ nokware ne papa kwan so.
Mmoa mu ahodoɔ:

.Sɛ woreboa ama adepa bi agyina.
.Sɛ woreboa ama ɔbɔneyɛni bi asakra.
.Sɛ woreboa nnipa ne ahiafoɔ ama wɔnom ahyia wɔn ahiadeɛ.
. Sɛ woreboa wɔ papa biara kwan so.
. Sɛ wommoa wɔ bɔne, ɔhaw ne asoɔden kwan so.
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
{Na momoa moho wͻ papayε ne Nyamesuro ho, na monhwε na moammoa moho wͻ bͻne ne ͻtan ho. Na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn awerԑtᴐ ano yε den paa 2}. [Suratul Maaidah 2]. Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: «Gyedie nee ɛne gyedienee ɔmɔ ɛtisɛ ɛdae wɔnnom ɛwura ɔmɔ ɛmo kro » Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim. Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ: "Muslimini nua ne muslimini, ɔnsisiri no, na ɔnyi no mma, na obi a ne nua ahiasɛm bɛyɛ n'ahiasɛm no, Allah nso bɛba n'ahiasɛm mu. Na obi a ɔbɛyi muslimini afiri amaneɛ bi mu no, Allah bɛyi no afiri atemmuada amaneɛ no ho, na obi a ɔbɛkata muslimini bi ntwom no, Allah bɛkata ne ntwom atemmuada". Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.

1. Sɛ wobɛfɛre Allah: ɛsi ɛbere a wonyɛ asoɔden ntia ahoteeɛni no.
2. Sɛ wobɛfɛre nnipa: na emu bi ne sɛ wobɛgyae adwaman ne ahuhusɛm ka, ne sɛ woreyi w'adagya adi.
Allah somani (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) kaa sɛɛ: "gyidie nkrabata yɛ aduosia anaa aduoson, na deɛ wɔ soro paa ne sɛ wobɛka sɛ; Onyame biara nni hɔ agye Allah, na deɛ ɛwɔ ne fam pa ara ne sɛ wobɛyi ɔhaw bi afiri kwan mu. Na fɛreɛ nso yɛ gyidie nkrabata no bi". Ɛfiri Muslim Nhoma mu.

- Sɛ worehu mpaninfoɔ mmɔbɔ na wadi wɔn ni.
- Sɛ worehu nkwadaa ne mmɔfra mmɔbɔ.
- Sɛ worehunu onnibie ne ohiani mmɔbɔ.
- Sɛ worehunu mmoa mmɔbɔ wɔ berɛ a worema wɔn aduane na wonteetee wɔn.
Ne saa nti na ɔkomhyɛni Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) reka sɛ: "wobɛhunu agyidifoɔ sɛ neɛ wɔhu wɔn ho wɔn ho mmɔbɔ, na wɔdodɔ wɔn ho te sɛ honam akwaa no, sɛ honam akwaa baako nwinwin no a honam akwaa neɛ aka no nyinaa de kɔdanna ne atiridii gye no so. Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim. Na Onyame somafoɔ no Nyame asomdwie nka no aka sɛ: " Ahummɔborɔfoɔ na ɔhummɔborɔni no bɛ hu wɔn mmɔbɔ, monhu wɔn a wɔwɔ asaase yi so mmɔbɔ, neɛ ɔwɔ soro no nso bɛhu mo mmɔbɔ. Ɛfiri Abu Dawud ,ɛneTirmizi nwoma mu.

Ɔdɔ a wowɔ ma Allah okokuroko no.
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
Na Agyidifoɔ wɔ ɔdɔ denden kɛseɛ ma Onyankopɔn. [ Suuratul Baqara: ١٦٥].
Ɔsomanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no ho dɔ
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
«Me dɔ deɛ mekiraa ɛkyɛ nensa mo,mɔ mo biara nneho a negyedie ahyɛ ɛma ɛkwɔpimsɛ mɛdane nedɔfo asene ɛfiri nenba nom ɛne nawofoɔ nom » ɛfiri Bukhaari ho
ɔgyedie nee ɛdɔ,ɛna ɛyɛ ɛdɔ pa ɛma wɔnnom sɛdeɛ wo dɔ wohɔ.
Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no aka sɛ:
«ɛnyɛ adeɛ a mɔ mo bi ɛbɛya gyedie ɛkwɔpimsɛ ɔbɛ dɔ nenua ɛtisɛ sɛdeɛ ɔdɔ nehɔ » ɛfiri Bukhaari ho

Anuye- ɛyɛ ɛnim ɛbeɛ,ɛfa anigyie mo ɛne awesere anim ɛne ayɛmyɛ ɛna wobɛda wanim ade anigyie mo ɛwɔ abraa wobɛhyia wonua nipa.
ɛna ɛfa sɛ yɛ si netire ase ɛyɛ wobɛ muna woanim akyerɛ wonua nipa ɛfiri adeɛ a mɔ dwane hɔ.
ɛnam ɛwɔ saa adom yi mo na hadiis ɛbaayɛ,na ɛyɛ Abii Huraiya Onyame npenie nka nɔ,wakasɛ: ɔkomhyane Onyame asomdwie nka nɔ wakakyerɛ me sɛ: «ɛnyɛ adeɛ ɛfata sɛ wobɛgyae afiri dwumadie pa ɛdi kitikiti koraa,ɛna sanka nokware worehyia wonua ɛfa anigyie anim » Ɛfiri Muslim Nhoma mu. Na Onyame somafoɔ no Nyame asomdwie nka no aka sɛ: «Sɛ wo bɛti wo anim anigyie awen mo ama wonua ɛyɛ nhyira ɛma wo» Tirmizee na de bae

Anuye- ɛno nayɛ ɛnsusuyɛ mmera biara adum wɔ afofro bi so anaasɛ wobɛpo adum wɔ nakye.
Onyame kɛsie akasɛ:
{ ɛna ɛfiri mosoɔ ahuoyaa nee ɛwɔ mmerta a ɔreyɛ ahoɔyaa 5}. [Suuratul Falaq:5].
ɛna ɛyɛ Anas bun Maalik Onyame npenie nka nɔ,nokware Onyame somanee nɔ akasɛ Onyame asomdwie nka nɔ: «Nma ntae mɔ hɔ,ɛna nma mɔnyɛ ahoɔyaa,ɛna nma ndane makye nma mɔhɔ,ɛna mɔndane Onyame nkoa - nua nom » ɛfiri Buhaari ɛne Muslim mo.

Anuye- ɛno nayɛ sereɛ ɛkyerɛ ɛfiri wonua muslim ɛne abonfia,na ɛnyɛ adeɛ a ɛyɛ ɛfata.
Onyame kɛsie nɔ abra wɔ saa so wakasɛ:
{ Mo a moagye adie, εnsεsε nnipa kuo bi bεsere nnipa kuo bi, ebia na (wͻn a wͻ'resere wͻn no) kyεn wͻn (wͻ Nyankopͻn anim); mmaa nso nhwε na w'ansere (wͻn yͻnko nom) mmaa, ebia na wͻ'kyεn wͻn; na monhwε na moanhwehwε mfomsoͻ amma moho-moho, na monhwε na moanfrε moho mmranee (bͻne); Ɛyε bͻne sε yεde akohwi din bi bεfrε obi wͻ akyire yi a (saa nipa no) anya gyidie, na obi a (ͻbεte saa asεm yi) na w'ansakra n'adwen no, saa nkorͻfoͻ no εm no }. [ Suuratul Mujadala 11].

Anuye- ɛno nayɛ sɛ nipa nhunu nehɔ sɛ ɔyɛ obɛyɛ a ɔhunu nehɔ ɛsene nipa biara,ɛna ɛnyɛ adeɛ a ɔbɔ nipa bi abonfia ɛna ɔnpo nokorɛ.
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
{ Mmͻborͻhunufoͻ Hene no asomfoͻ no ne wͻn a wͻ’de ahobraseε nam asaase soͻ; sε abagyimifoͻ no bi (de kasa bͻne bi) kasa wͻn ho a, deε wͻ’ka nesε: “Asomdweε } [ Suuratul Furqaan: 63 ], ɛkyerɛ: Ahobrasie nee. Na Onyame somafoɔ no Nyame asomdwie nka no aka sɛ: «ɛna ɔbiara nneho a ɔbɛbra nehɔ ase ama Onayme agye Onyame ɛpɛgya no animuoyam mo. Ɛfiri Muslim Nhoma mu. ɛna wakasɛ Onyame asomdwie nka nɔ: «Ɛsipi sɛ Onyankopɔn ahyɛ me nkɔm sɛ mo mbra mo ase, sɛdeɛ ɛbɛ yɛ a Obi nsisi Obi, na Obi nyɛ akɛsesɛm wɔ Obi so » Ɛfiri Muslim Nhoma mu.

Anuye- 1- Akɛsesɛm ɛwɔ nokorɛ so,ɛna nayɛ ɛrekyerɛ wo nokorɛ na wapo nengyetom.
2- Akɛsesɛm ɛwɔ nipa so,ɛna nayɛ wokyerɛ ɔmɔ abonfiya ɛne wopo wɔnnom.
- ɔkomhyane Onyame somafoɔ nɔ akasɛ Onyame asomdwie nka nɔ: «ɛnyɛ adeɛ a ɔbɛwura aljanna mo obiara a ɔwɔ ɛwɔ nakoma mo adeɛ a kitikiti ɛnsɛsoɔ ɛfiri akɛsesɛm » Na abranteɛ akasɛ: Nokorɛ saa abranteɛ yi ɔpɛ sɛ sanka nataadeɛ ɛyɛ fitaa ahotie mo,ɛna nenpaboa ɛbɛfɛ? wakasɛ: «Nokorɛ Onyame nayɛ ahuofɛ nee na ɔpɛ ahuofɛ nee,Akesesɛm: nokorɛ ɛpo,ɛna nipa mo ahomasoɔ » Ɛfiri Muslim Nwoma mu.
- Nokorɛ ɛpo: ɔtotwine:
Nipa mo ahomasoɔ: ɔyɛ ahɔmasoɔ wɔnnom so.
Ataadeɛ pa ɛne ɛnpaboa pa ɛnyɛ akesesɛm.

Anuye- Gyehye ɛwɔ adeton ɛne aton,ɛno nayɛ sɛ wobɛ seɛ adeton numan nom bi ɛkwan bi so.
- Gyehye ɛwɔ nimdie ɛkyerɛ mo,ɛtisɛ nensɛsoɔ nom bi be adesua nee ɛbɛwia ɛwɔ ɛnsohwɛ mo.
- Gyehye ɛwɔ kasa mo ɛtisɛ adanse kronee ɛne atorɔ.
- ɛne wonhyɛ bohyɛma ɛfa adeɛ a woka ɛne adeɛ a matimtim agyeatom wɔhɔ ne nipa nom.
ɛna ɛwɔ abraa yabra kronobo,nokorɛ Onyame somafoɔ nɔ ɛretwam ɛwɔ ɛduane kakra bi hɔ,ɛna ɔde nensa ɛwura mo, ɛna nensasoa ɛfuuyɛ,ɛna ɔkaasɛ: «ɛduane wura deɛbɛn aadeɛ neɛ?» ɛna ɔkaasɛ: ɛyɛ ɔsoro nsuo na aguso oh ɛyɛ Onyame somafoɔ.ɛna wakaasɛ: «Na adɛntira na wonfato ɛduane no ɛsoro na nipa biara ahunu? na ɔbiara a ɔbɛbokrono no ɔrenka mehɔ » Ɛfiri Muslim Nwoma mu.
ɛduane kakra subra:
ɛyɛ ɛsam ɛduane ɛtise piles ɛfiri aduane mo.

Anuye- ɛyɛ sɛ wobɛka wonua muslim asɛm ɛfa deɛ ɔkyere npɛ ɛwɔ nakye.
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
{ Mo a moagye adie, montwe moho mfiri m’adwen yε mesε (onya a ͻbεyε) bebrebe no ho; nokorε sε, m’adwen yε me sε (onya a ͻbεyε) no mu bi yε bͻne. Na monhwε na moantetεtetε (moho) na monhwε na moanka mo-ho-moho akyiri asεm. Mo mu bi pεsε ͻwe nenua a wawuo nam? Mokyiri saa. Enti monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn na Ɔgye adwen sakra, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene 12} [ Suuratul Hujiraati: 12 ].

Anuye- ɛyɛ wobɛfa kasa bi ɛwɔ nipa ɛntɛm ɛfa bone sɛiyyɛ nti wɔnnom ɛntɛm.
- ɔkomhyane Onyame somafoɔ nɔ akasɛ Onyame asomdwie nka nɔ: «ɛnyɛ adeɛ a ɔbɛwura aljanna mo nammaama» Ɛfiri Muslim Nwoma mu.

Anuye- ɛyɛ adeɛ a ɛmoyɛdo neyɛ ɛwɔ dwumadie pa ɛdi ɛna ɛnyɛ adeɛ a nipa bi ɛbɛtumi ayɛ.
ɛna ɛfiri saa no:
yɛ akwɔdworɔ ɛwɔ dwumadie ɛfata ɛnhyɛ ɛdi hɔ.
Na Onyame krɔnkɔnii No akasɛ:
{ Nokorε sε, nkͻnkͻnsafoͻ no (adwen ne sε), wͻ’redaadaa Nyankopͻn, Ɔno nso bεdaadaa wͻn,Sε wͻ’gyina hͻ sε wͻ’refrε Nyame a, wͻ’gyina hͻ wͻ akwadworͻ so, (wͻ’yε) dekyerε nnipa; sε wͻ’bεkae Nyankopͻn mpo a wͻ’kae no ketewaa bi 142 } [ Suuratul Nisaai:١٤٢]
Na ɛfata ɛma gyedie nee ɔbɛgyae akwadworɔ ɛne aniha ɛne akyekyire,ɛna nkekahɔ nanteɛ wɔ dwumadie mo ɛne akekahɔ ɛne modenbo ɛne adepa wɔ saa nkwa yi mo ɛfa deɛ Onyame kɛsie apene so.

Anuye- 1-Abofuo Aseda: ɛno nayɛ sɛ wobɛyɛ ama Onyame nasɛ wo wieɛ kaffaara yɛ anaasɛ akwonkwɔnsafoɔ anaasɛ ɔmɔ akye nasotwie akyerewadeɛ ɔkrɔnkɔ.
2- Abofuo Abrasie animguasie: ɛno nayɛ abufuo deɛ ɛma nipa ɛdi ɛna ɔbɛka deɛ nfa nehɔ.
Abufuo animguasie anuadoru:

Nsuokuta.
ɛntinasie nasɛ ɛkwɔbasa ɔgyina ho,ɛnasɛ ɔtwire ho a na watina ase.
Sɛ ɔbɛtimtim ɛfa ɔkomhyane Onyame asomdwie nka nɔ nafutuo ɛwɔ saa so:
«Nma wobunfo ».
Sɛ ɔbɛkuta nekiraa ɛwɔ ɛbufuo ɛkuta.
Yehwehw[ ntwitwagye[ firi Onyankopen he afiri ebonsam a, y'apo noe no ho.
ɛdee ɛyɛ.

Anuye- ɛno nayɛ abeɛ so ɛne wobɛhwehwɛ wɔ nipa ɛntwom ɛne deɛ yɛ nasoma monsɛm.
ɛfiri akyerewadeɛ ɛsu:

Nipa ɛfie nsumayɛ monsɛm wobɛ mano aba abonti.
- Sɛ ɔbaa ɛbɛteɛ ɔbi kasa wɔ abraa ɔnneho nimdie.
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
{ Nma mɔnfiifi nsɛm mo } [ Suuratul Hujiraati: 12 ].

Anuye- Al Israaf: ɛno nayɛ sika ye ɛwɔ abraa ɛnyɛ ɛkwan pa so,
ɛnasɛ yɛsinase a:
Al Bukhul: ɛno nayɛ ɛkuta mo den ɛwɔ nekyɛfa so.
ɛna nokware ɛno nayɛ adɛntɛmo wɔnnom ɛntɛm,ɛnasɛ ɛbɛyɛ wɔ muslimifoɔ animuoyam mo.
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
{Ne wͻn a sε wͻ’yi (wͻn agyapadeε a wͻ’mma no mmoroso) nsεe no kwa, na wͻ’nnyε pεpεε nso, na mmom wͻ’yε no hͻ-ne-hͻ 67} [ Suuratul Furqaan: 67 ],

Anuye- Al Jubna: Sɛ ɔbɛsro afiri adeɛ a ɛnyɛ adeɛ a ɛsɛ ɔsro ɛfiri hɔ.
ɛtisɛ ɛhuu ɛfiri kasa nokware mo na afei ɛnam saa nti nawapo.
Akwokwodoro:
ɛna nayɛ sɛ wobɛma nokware ɛbɛ di animo,ɛna ɛnam saa no ɛtisɛ ɛkwɔ animo wɔ jihaad mmerɛ mo ɛde boa ɛma Islaam Muslimifoɔ.
ɛna ɛyɛ adeɛ a ɔkomhyane Onyame asomdwie nka nɔ ɛwɔ nempaebo mo ɔkasɛ:
(Me Wura me hwehwɛ ntwutwagyeɛ wɔ wo nkyɛn firi ɛhuu ɛsro ho). Na Onyame somafoɔ no Nyame asomdwie nka no aka sɛ: «Ahuodenee gyedienee ɔdemo wɔ ɛdɔ ɛwɔ Onyame ho ɛsene gyedienii a oɔmmerɛ,ɛnanso wɔnnom nyinara ɛdemo » Ɛfiri Muslim Nhoma mu.

Anuye- ɛtisɛ ɛnnomee ɛne adedeɛtɛm.
- ɛna ɛtisɛ asamase kasa '' Aboa'' anaasɛ ɛtisɛ ɛfiri kasa mo.
- Anaasɛ wobɛka adɛgya kasa ɛfiri adwamae ɛne ɛfee kasa.
- ɛna nokware ɔkomhyane Onyame asomdwie nka nɔ apo ɛwɔ saa so nyinara mo,na wakasɛ: " ogyidini nka afoforɔ anim, na ɔmmɔ dua, na ɔnyɛ amumueɛsɛm na ɔnfa n'ano nka ahuhusɛm". ɛfiri Tirmiz ɛne Ibn Hibbaan.

Anuye- 1- Mpaebo ɛfa sɛ Onyame ɛma wo agyapadie subae pa ɛna ɔbɛboa wo wɔso.
2- Onyame kɛsie ɔtumifoɔ ahwɛsoɔ,ɛna nokorɛ ɔnɔ no ɔnim wo ɛna ɔteɛ wo ɛna ɔhunun wo.
3- Wobɛkae subae pa nhyira ɛna nokorɛ ɛno no ɛyɛ ɛngyinasoɔ sɛ yɛ de wo ɛbɛwura aljanna mo.
4- Wobɛkae subae bone akɛtua ɛna nokorɛ ɛno no yɛ ɛngyinasoɔ ɛma no sɛ ɔbɛwura amanehunu ɛgyam.
5- Nokorɛ subae pa ɛde Onyame ɛdɔ ɛba ɛne nabɔdeɛ ɛdɔ,ɛna nokorɛ subae bone ɛde Onyame ɛbufuo ɛba ɛne nabodeɛ abufuo.
6- ɔkomhyane abakwasɛm akenkae Onyame asomdwie nka nɔ ɛne nasuasua ɛfa hɔ.
7- Adanfoɔ pa ɛreyeye ɛna atwehɔ ɛfiri nua bone mosoɔ.