Ɛnkyekyɛmu ahoroɔ

Anuye-
Ade a ɛyɛ nhyɛ
Ade a ɛyɛ Sunna
Ade a ɛyɛ Akyiwade
Ade a yɛ mpɛ ɛyɛ abufo
Ade a y'ama ho kwan

Anuye-
Dwuma a ɛyɛ nhyɛ:
te sɛ Asɔre mperɛ num, ɛna Ramadan akɔmkyene ne Obuo ma Awofoɔ.
Dwuma a ɛyɛ nhyɛ no yɛ ma Ɔyɛfoɔ no nhyira ne deɛ bɛ gyae nso yɛtwe n'aso.
Dwuma a yɛ pɛ :
te sɛ ntosoɔ asɔre (Sunan rawatib), ne anadwo asɔre ɛna Aduane ɛma Ohiani ɛna ɛnkyiya na yɛ frɛ yie nyina ara sɛ Sunnah ne Manduubu.
Mustahab yɛ ma Ɔyɛfoɔ no nhyira na mmom Obi gyae nso Ɔnni asotwe biara.
Ahwɛyie a ɛho hiayie:

Ɛfata ma Kramoni sɛ bere a Ɔbɛ te sɛ dwuma yi yɛ Sunnah no anaasɛ Mustahabu Ɔyɛ ntɛmtɛm di saa dwuma korɔ, na Ɔsuasua Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no.
Akyiwade :
te sɛ nsanom, Asoɔdene wɔ Awofoɔ so ne Abusua ntam teteɛ.
Akyiwade dwuma :
yɛ ma Obi a Ogyae nhyira na yɛtwe Ɔyɛfoɔ nso aso.
4- Deɛ yɛ mpɛ (Almakrooh) te sɛ deɛ wɔ de bɛnkum gye adeɛ san de ma, wo bobɔ w'ataadeɛ wɔ asɔre yɛ mu.
(Almakrooh) Obi gyae Almakrooh dwuma a yɛ ma no nhyira mmom Obi a ɔbɛyɛ nso yɛ ntwe n'aso.
5- Deɛ y'ama ho kwan (Almubaah) te sɛ aduaba die ɛna tee num na yɛ frɛ yie nyina ara sɛ deɛ y'ama ho kwan (Gyaaiz, ne Halaal).
(Almubaah)yɛ mma Ɔyɛfoɔ nhyira saara nso na neɛ bɛgyae nni nhyira biara.

Anuyie: Adetɔn ɛne nsawosoɔ ahoroɔ nyina ara ahyaseɛ ne sɛ, nokware y'ama ho kwan ɛgye kakra bi Onyame kokroko ayɛ no akyiwade.
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
(Na Onyame ama adetɔn ho kwan (Halaal) ɛna Wayɛ ɛnsiho akyiwade Haram). [ Suuratul Baqara: ٢٧٥].

Anuye-
1. Asisire, na ebi ne sɛ wode mfomsoɔ a ɛwɔ ade a woretɔn no mu besie.
Yɛnyaa saa asɛm yi firii Abu Hurayra (Allah nye no ntom) nkyɛn, sɛ Allah somani no kɔ too aduane bi a ahɔre gu hɔ, ɛna ɔde ne nsa wuraa mu, ɔyii ne nsa na afɔ, ɛdeɛn ni oh aduane wura? Ɔkaa sɛ: bosuo na agu so oh Allah somani. Allah somani no kaa sɛ: na adɛn na womma ɛno mma soro sɛ neɛ bɛyɛ a amanfoɔ bɛhunu? "Obi a ɔbɛsisi biara nka me ho". Na ɛdeɛn nti na wo nfa nto Aduane no so, sɛdeɛ Onipa bɛ hunu? Obibiara a, ɔbɛ yɛ asisie nka me ho. Ɛfiri Muslim Nhoma mu.
2. Nsiho: na ebi ne sɛ wobɛbɔ bosea apem afiri obi hɔ na wobɛtua apem mmienu ama no.
Na Ɛntosoɔ no, na yɛ Ɛnsiho a ɛyɛ Akyiwade Haram
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
(Na Onyame ama adetɔn ho kwan (Halaal) ɛna Wayɛ ɛnsiho akyiwade Haram). [ Suuratul Baqara: ٢٧٥].
3. Brada toɔ ne fratam: te sɛ meretɔn nufusuo a ɛwɔ aboa no nufu mu anaa meretɔn apatrɛ a ɔda so wɔ nsuom a menyii no.
Na ɛwɔ ɔkomhyɛni ano asɛm mu sɛ:
( Allah somafoɔ no abra sɛ wode brada toɔ bɛtɔn ade). Ɛfiri Muslim Nhoma mu.

G1- Nkramosom ho adom, ɛna nokware wo nka aboneɛfoɔ ho.
2-Ɔkɔmhyɛni Sunnah ho adom, Na nokware wo nka wɔn a ɛyɛ dwumadi foforɔ hyɛ ɛsom no mu (Bidiya).
3- Apɔteɛ ne apomudene ho adom, nsɛmtie, adehwɛ, nanteɛ ɛna foforɔ a aka.
4- Adidie ne adenom ɛna ntaare.
N'adom Okokroko wɔ yɛn so yɛ pii yɛ nsisi ɛna yɛ nkae nso.
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
Na sɛ moka sɛ morekan Allah adomakyɛdeɛ a ɛeɔ mo so a montumi nkan, esipi sɛ ɔno Allah no ɔyɛ bɔnefakyɛhene ahummɔborɔhene. Suratul Nahl 18

Ɛyɛ nhyɛ sɛ woda ɛho ase; na ɛno ne sɛ wode wo tɛkrɛma bɛtomtom na wada Allah ase bebree, na wahunu sɛ ɔno nko ara na adom wɔ no, na wode saa adomakyɛdeɛ no bɛyɛ adeɛ a Allah ani gye ho, na mmom wonfa nyɛ asoɔden ntia no.

Idul fitr(afoofida ketewa) ne Idul adha(afoofi da kɛseɛ).
Sɛ neɛ ɛwɔ ɔkomhyɛni ano asɛm a Anas kaeɛ no mu; ɔkaa sɛ:
Allah somani Muhammad( ne nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) kɔɔ Madina no na wɔnom wɔ nannu bi a wɔdi agorɔ wɔ mu, na ɔkaa sɛ: ɛdeɛn nannu ni? Wɔnom kaa sɛ: na yɛdi agorɔ wɔ mu wɔ abagyimi berɛ no, na Allah somani no kaa sɛ: "esipi sɛ, Allah de deɛ ɛyɛ papa sen nannu yi ahyɛ mo anan mu; donwiberɛ (salla kɛseɛ) ne anobue da no ( salla ketewa)". Ɛfiri Abu Daud nhoma mu.
Na afoofi da biara a ɛwɔ woi akyi no yɛ nsakratomu.

Akɔmkyene (Ramadan) bosome no.

Ɛsɛ sɛ wobrɛ ani ase. Ɔkokuroko no kaa sɛ: " ka kyerɛ agyidifoɔ mmarima no sɛ wɔnom mmrɛ wɔn ani ase". Suratu An Nur 30

1. Ɔkra a ane bɔne di ntɔntɔ, na ɛno ne sɛ onipa bɛdi ne kra ne n'akɔnɔdeɛ akyi wɔ berɛ a ɛyɛ asoɔden tia Allah ɔkokuroko no Ɔhoteeɛni no kaa sɛ: "esipi sɛ ɔkra deɛ ɔne bɔne di ntɔntɔ agye neɛ me wura Allah no ahunu no mmɔbɔ, na esipi sɛ me wura Allah no ɔyɛ bɔnefakyɛhene ahummɔborɔhene. Suratu Yusuf 53 2.Bonsam; ɔno ne Adam ba tamfo na ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛyera onipa na watoto bɔne agu n'akoma mu, na wɔde no awura ogya mu,Okokuroko no kaa sɛ: "na monhwɛ yie na moani bonsam anamɔn akyi, ɛfiri sɛ; ɔno bonsam no ɔyɛ ɔtamfo a ɔda adi pefee de ma mo. [ Suuratul Baqara: ١٦٨]. 3. Abɔneyɛfoɔ kuo: wɔn a wɔhyɛ afoforɔ wɔ bɔne akwan so na wɔn si papa akwan Okokuroko no kaa sɛ: "saa da no ayɔnkoɔ bɛyɛ atamfo ama wɔn ho wɔn ho agye nyamesurofoɔ no". Suratul Zukhruf 67

Nsakraeɛ ne sɛ wobɛsan afiri asoɔden a etia Allah kokuroko no na wayɛ sotie ama no,Okokuroko no kaa sɛ; " Na esipi sɛ, meyɛ bɔnefakyɛhene de ma obia a ɔbɛsakra na wagye na wadi dwuma pa na afei wayɛ ɔtenenii". [ Suuratul Taaha:٨٢].

1. Ɛne sɛ wobɛgyae bɔne korɔ no.
2. Na wanu wo ho wɔ neɛ woyɛɛyɛ no ho.
3. Na wahyɛ wo ho so sɛ wo nsan nkɔ bɔne no ho bio.
4. Na wode neɛ wosisirii no noɔ adeɛ bɛsan akɔma noɔ.
Na ɔkrɔnkɔnii kɛsie akasɛ:
( Ne wɔn a sɛ wɔyɛ amumuesɛm anaa wɔsisiri wɔn kra a wɔkae Allah na wɔsrɛ bɔnefakyɛ firi wɔn bɔne ho, na hwan na de bɔne kyɛ wɔ Allah no akyi? Na wɔnsan nkɔ neɛ wɔyɛɛyɛ no ho bio aberɛ a wɔnom nim). [Suuratu Aali Imraan ١٣٥].

J: Asekyerɛ ne sɛ worebɔ mpaeɛ aserɛ Allah sɛ ɔnkanfo ne somafoɔ (Muhammad) wɔ badwa a ɛkrɔm no ase.

J: Asekyerɛ ne sɛ worete ɔhoteeni ɔkokuroko ne ho afiri sinitɔ ne bɔne biara ho.

Ɛno ne sɛ wobɛtontom Allah kokuroko no bebree na wode mmrane biara ɛhyɛ ma bɛsa no.

Ɛno ne sɛ; ɔno ɔhoteenii no ɔso sen biribiara, ɔyɛ kokuroko, ɔkrɔm na ɔyɛ den sene biribiara.

Asekyerɛ ne sɛ; akoa ntumi nsesa mfiri tebea bi mu nkɔ tebea foforɔ bi mu, ɔnni ahoɔden a wɔde bɛyɛ saa agye Allah nkyɛn.

J. Ɛno ne sɛ akoa ɛrehwehwɛ afiri ne wura Allah nkyɛn sɛ ɔbɛpepɛ ne bɔne na wakata ne sinitɔ so.